Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɛberɛ ne atemmuo wɔ hɔ ma nneyɛɛ nyinaa, na onipa bɔne dɔɔso ne so ma no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Na ɛberɛ ne atemmuo wɔ hɔ ma nneyɛɛ nyinaa, na onipa bɔne dɔɔso ne so ma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nneyɛe biara wɔ ne bere a ɛfata ne kwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɛbere ne atemmu wɔ hɔ ma nsɛnnii nyinaa, na onipa bɔne dɔɔ no so so.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 8:6
14 Referencias Cruzadas  

Na yeinom na wode siee w’akomam; na mahunu sɛ yei na wowɔ tia me.


sɛ ɔbɛsane onipa afiri ne nneyɛɛ ho, na wayi ahantan ahunta onipa,


Na wɔde yea twe n’aso ne mpa so ne ne nnompe mu daa aperedie.


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Adeɛ biara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ no, na ɛberɛ wɔ hɔ ma adwuma biara ɔsoro ase:


Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.


Mekaa no m’akomam sɛ: Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ nyinaa, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wahyɛ berɛ ama adwuma biara ne adeyɛ biara.


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios