Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 8:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 ɛfiri sɛ ɔyɛ deɛ ɛsɔ n’ani biara. Ɔhene anomu asɛm biara di mu, na hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Efisɛ ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 8:4
18 Referencias Cruzadas  

Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.


sɛdeɛ mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi.


Na Ɔhene Salomo somaa Yoiada ba Benaia maa no kɔkumm no.


Na ɔhene hyɛɛ Yoiada ba Benaia, na ɔfirii adi kɔkumm no. Na ahennie no tim Salomo nsam.


Ɛnna Tatenai, asuogya amrado no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ no, deɛ Ɔhene Dario ama wɔabɛka no nti, wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.


Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no? Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na Misraimhene frɛɛ awogyefoɔ no bisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ saa, na momma mmarima no tena aseɛ?


Ɔhene abufuo te sɛ gyata mmobom, na n’anisɔ te sɛ wira so bosuo.


Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, deɛ ɔyi no abufuo no yɛ ne kra bɔne.


akodie pɔnkɔ a n’asene amia, ne ɔpapo, ne ɔhene a obi nsɔre ntia no.


Afei deɛ, sɛ moasiesie mo ho sɛ berɛ a mobɛte abɛn, odurugya, sankuo, sambuka sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nsankuo ahodoɔ nyinaa gyegyeɛ no, mobɛhwe ase asɔre ohoni a mayɛ a, ɛyɛ na sɛ moansɔre no a, dɔn no ara mu wɔde mo bɛgu ogya a ɛrefranam fononoo no mu, na onyame bɛn na ɔbɛyi mo afiri me nsam?


na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios