Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 7:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam, na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Aane, nhyɛsoɔ bɔ onyansafoɔ dam, na ayɛyɛdeɛ sɛe akoma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Nsisie ma onyansafoɔ dane ɔkwasea, na kɛtɛasehyɛ sɛe akoma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na amimyɛ bɔ onyansafo dam, na ayɛyɛde sɛe koma.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 7:7
14 Referencias Cruzadas  

Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm.


Ɔbɔnefoɔ gye ayɛyɛdeɛ firi kokoam, sɛ ɔrebɛdane atemmuo akwan ani.


Ayɛyɛ te sɛ aboɔden boɔ wɔ deɛ ɔnya no ani so, baabiara a ɛfa no ɛma no yɛ yie.


Na mesane mehwɛɛ nhyɛsoɔ a wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ no nisuo, na wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ biara, na nhyɛsofoɔ nsam den no mu no, wɔnni ɔwerɛkyekyefoɔ bi!


Na sɛ wohunu mmɔborɔni sɛ wɔhyɛ ne soɔ, ne atemmuo, ne tenenee anidane wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiri wo saa asɛm no ho, na deɛ ɔso no, deɛ ɔso sene no hwɛ no so, na deɛ ɔso koraa no hwɛ wɔn so.


Yei nyinaa mahunu na mede m’akoma ato adwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa so: Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma no dane no ɔhaw.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene, deɛ ɔkyiri apempensika, deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu, deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,


Nnane atemmuo ani, nhwɛ nnipa anim na nnye adanmudeɛ; na adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani, na ɛdane teneneefoɔ nsɛm ani butu.


na amanaman no mu nso worennya ahodwoɔ, na w’anammɔn rennya home; ɛhɔ na AWURADE bɛma wo akoma a ɛtuo ne ani a ɛyɛ siamoo ne ɔkra a ɛkusa;


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Ɛnna Akis ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Hwɛ, mohunu sɛ onipa yi abɔ dam, na adɛn nti na mode no abrɛ me?


Nanso ne mma amfa n’akwan so, na wɔmane kɔdii mfasoɔ akyi, na wɔgyegyee adanmudeɛ, na wɔbubuu ntɛnkyea.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios