Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Baanu ye sen ɔbaakofo, efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Baanu yɛ sene ɔbaakofoɔ, ɛfiri sɛ wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 4:9
15 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE Nyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ sɛ onipa nko tena; mɛyɛ ne nsɛsoɔ boafoɔ mama no.


Na ɔkaa sɛ: Sɛ Siriafoɔ yɛ den sene me a, bra bɛboa me, na sɛ Amonfoɔ yɛ den sene wo a, mɛba mabɛboa wo.


Dadeɛ se dadeɛ ano, na onipa se ne yɔnko anim.


na sɛ wɔhwe ase a, ɔbaako bɛma ne yɔnko so, na ɔbaakofoɔ a ɔhwe aseɛ a obi nka ne ho mma no soɔ nnue.


Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.


Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,


Me nko ara mentumi menkura ɔman yi nyinaa ɛfiri sɛ wɔyɛ duru ma me.


Na ɔfrɛɛ dummienu no baa ne nkyɛn na ɔfitii aseɛ somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi.


Na deɛ ɔtwa no gye akatua, na ɔboaboa aba no ano kɔ daa nkwa mu; na deɛ ɔguiɛ ne deɛ ɔtwaeɛ nyinaa ani agye prɛko.


Na wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron kaa sɛ: Monyi Barnaba ne Saulo mma me na wɔnkɔ adwuma a enti mafrɛ wɔn no mu.


Monhwɛ mo ho yie, na moanhwere deɛ yɛayɛ adwuma anya no, na mmom moanya akatua mu.


AWURADE nhyɛ wo wo nneyɛɛ ananmu na nya akatua mu firi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios