Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 4:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔman no nyinaa, wɔn a wɔdii n’anim nyinaa nni awieeɛ, nso wɔn a wɔbɛba akyire yi no ani rennye ne ho. Ampa ara, yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɔman no nyinaa, wɔn a wɔdii n’anim nyinaa nni awieeɛ, nso wɔn a wɔbɛba akyire yi no ani rennye ne ho. Ampa ara, yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Nnipa dɔm a wɔntumi nkane wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, ɛte sɛ wotaa mframa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔman no nyinaa, wɔn a wodii n’anim nyinaa nni awiei, nso wɔn a wɔbɛba akyiri no ani rennye ne ho. Na eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 4:16
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔman no nyinaa kasakasaa Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: Ɔhene gyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na ɔyii yɛn Filistifoɔ nsam; na afei Absalom nti wadwane afiri asase yi so.


Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyiri bae, na ɔman no hyenhyɛnee ntɛntɛbɛn, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.


Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia yi ase.


Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia yi ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Mehunuu ateasefoɔ a wɔnam owia yi aseɛ nyinaa ne aberantewaa foforɔ a ɔbɛgyinaa n’ananmu no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios