Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na sɛ wɔhwe ase a, ɔbaako bɛma ne yɔnko so, na ɔbaakofoɔ a ɔhwe aseɛ a obi nka ne ho mma no soɔ nnue.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na sɛ wɔhwe ase a, ɔbaako bɛma ne yɔnko so, na ɔbaakofoɔ a ɔhwe aseɛ a obi nka ne ho mma no soɔ nnue.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko betumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ ɔbaako hwe ase a ne yɔnko bɛtumi aboa no. Nanso onipa a ɔhwe ase a ɔnni ɔboafoɔ no yɛ mmɔbɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so, na obiakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho mma no so nnue.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 4:10
17 Referencias Cruzadas  

Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.


Na kunayɛ berɛ twaa mu no, Dawid soma maa wɔkɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid diiɛ no ansɔ AWURADE ani.


Na w’afenaa wɔ mmammarima baanu, na wɔn baanu no kɔkoo wiram a ɔpatafoɔ biara nni hɔ, na ɔbaako bɔɔ ɔbaako maa no wui.


Na Mose bisaa Aaron sɛ: Ɛdeɛn na ɔman yi yɛɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ aba wɔn soɔ yi?


Bio, sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hye, na ɔbaakofoɔ deɛ, ne ho bɛyɛ no hye sɛn?


Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;


Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.


Enti montutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛdeɛ moreyɛ no ara.


Ɛnna Saulo ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Nyankopɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios