Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtane wɔ ne berɛ; akodie wɔ ne berɛ, na ɔmannwoeɛ wɔ ne berɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtane wɔ ne berɛ; akodie wɔ ne berɛ, na ɔmannwoeɛ wɔ ne berɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 ɔdɔ wɔ ne bere na ɔtan wɔ ne bere, ɔko wɔ ne bere na asomdwoe wɔ ne bere.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ, ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 ɔdɔ wɔ ne bere, na ɔtan wɔ ne bere; akodi wɔ ne bere, na ɔmannwoe wɔ ne bere.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 3:8
19 Referencias Cruzadas  

Na afei AWURADE me Nyankopɔn ama me ɔhome afa nyinaa; ɔtamfoɔ biara nni hɔ, na asiane biara nni hɔ.


Na Yehoram hunuu Yehu no, ɔbisaa sɛ: Yehu, asomdwoeɛ anaa? Na ɔse: Asomdwoeɛ bɛyɛ dɛn aba, berɛ a wo na Isebel adwamammɔ ne n’abayigorɔ bebree no rekɔ soɔ yi?


Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.


Meremma ahuhusɛm biara nsi m’ani so, mekyiri ahohwisɛmdie, ɛremfam me ho.


Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man, na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so.


AWURADE, wɔn a wɔtane woɔ no, mentane wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre tia woɔ no, me werɛ nho wɔn anaa?


Ɔteneneeni tane atorosɛm, na abɔnefoɔ yɛ aniwudeɛ ne ahohoradeɛ.


Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


na moahunu Kristo dɔ a ɛtra nhunumu no, na Nyankopɔn mayɛ nyinaa ayɛ mo ma awie.


Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛdeɛ Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho maeɛ maa no,


na wɔde ate mmabaa adwene mu ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma,


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Menim wo nnwuma ne wo brɛ ne wo boasetɔ, ɛne sɛ wontumi nkura wɔn a wɔyɛ abɔnefoɔ, na woasɔ wɔn a wɔse wɔyɛ asomafoɔ na wɔnyɛ no ahwɛ, na woahu wɔn sɛ atorofoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios