Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 3:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 aboɔ toguo wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ; atuuyɛ wɔ ne berɛ, na atuuyɛ ntetemu wɔ ne berɛ;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 aboɔ toguo wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ; atuuyɛ wɔ ne berɛ, na atuuyɛ ntetemu wɔ ne berɛ;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 abo hwete wɔ ne bere na abo anoboa wɔ ne bere, atuuyɛ wɔ ne bere na ne ntetewmudi nso wɔ ne bere,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ, akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 abo towgu wɔ ne bere, na abo anoboa wɔ ne bere; atuuyɛ wɔ ne bere, na atuuyɛ ntetewmu wɔ ne bere;

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 3:5
11 Referencias Cruzadas  

Na nkuro no, wɔdwirii, na mfu pa nyinaa, wɔtotoo aboɔ guguu so mmaako mmaako kɔsii sɛ ɛso kataeɛ, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa, na wɔbubuu nnua pa nyinaa; gye Kir-haraset na wɔgyaa n’aboɔ, na ntɔmmoɔtofoɔ kɔtwaa ho hyiae bɔɔ no.


Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho.


esu wɔ ne berɛ, na sereɛ wɔ ne berɛ; abooboodie wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ;


ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;


Mommoa ɔman no ano, monyɛ ɔman nhyiam kronkron, monhyia nkɔkoraa, mommoa mmɔfra ne nufoɔ ano mma ano. Ayeforɔkunu mfiri ne pia mu, na ayeforɔ mfiri ne dabekyire mfiri adi.


Mommfa mo ho nnkame mo ho, gye sɛ mo baanu pene so sɛ mobɛtena hɔ ɛberɛ kakra, na moatu mo ho asi hɔ ama mpaebɔ, na afei moasane ahyia mu bio, na ɔbonsam amfa mo honam mmerɛ so ansɔ mo anhwɛ.


Na owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛe maa wɔyiyii wɔn firii nnua no so, na wɔkɔtoo wɔn guu ɔbodan a wɔkɔhuntaa mu no mu, na wɔde aboɔ akɛseɛ guu ɔbodan no ano a ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ yi ara.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios