Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 3:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma wɔn kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani, asɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn nkwa nna mu;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma wɔn kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani, asɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn nkwa nna mu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Minim sɛ biribiara nni hɔ a eye ma nnipa kyɛn sɛ wobegye wɔn ani na wɔayɛ nea eye bere a wɔte ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu;

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 3:12
17 Referencias Cruzadas  

Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokorɛ,


Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Biribi pa biara nna hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa ne brɛ no mu; yei nso mahunu sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire;


Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ nkwaseasɛm mu ɛberɛ a mese meremma nyansa akyerɛ me kwan no. Na merepɛ ahunu sɛ ɛyɛ ma adasamma sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ ɔsoro aseɛ, wɔn nkwa nna a ɛyɛ tia no mu.


Na mehunuu sɛ adepa biara nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛne ne kyɛfa. Na hwan na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ deɛ ɛbɛba akyire no?


Ɛnna mekamfoo anigyeɛ, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia yi ase, gye sɛ ɔdidi na ɔnom na n’ani gye, na yei ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ama no owia yi aseɛ no mu.


Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?


Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.


Ne nyinaa mu, mekyerɛɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwuma saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛ, na mokae Awurade Yesu nsɛm a ɔkaa sɛ: Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.


gye sɛ AWURADE wo Nyankopɔn anim, faako a ɔbɛyie no na die, wo ne wo babarima ne wo babaa ne w’akoa ne w’afenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kuro apono mu, na ma w’ani nnye AWURADE wo Nyankopɔn anim, deɛ wode wo nsa ka nyinaa ho.


na ɛhɔ na monnidi AWURADE mo Nyankopɔn anim, na mo ne mo afie ani nnye ade a mode mo nsa ka a AWURADE wo Nyankopɔn de ahyira woɔ no mu nyinaa.


na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fie no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a ɔwɔ wo mu no.


Na sɛdeɛ AWURADE ani gyee mo ho sɛ ɔbɛyɛ mo yie na wama moadɔre no, saa ara nso na AWURADE ani bɛgye mo ho sɛ ɔbɛsɛe mo na wadwerɛ mo; na wɔbɛtutu mo afiri asase a morekɔ hɔ akɔdi soɔ no so.


sɛ wɔnyɛ yie, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ adeɛ fɛ so na wɔn nsam ngo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios