Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 3:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne bere mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa koma mu, nanso wontumi nte nea Onyankopɔn ayɛ fi mfiase kosi awiei no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde wiase ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 3:11
19 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?


Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no; ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ, na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso.


deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.


Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no.


Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.


Hwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ. Na hwan na ɔbɛtumi atene deɛ ɔno akyea no?


Mede nyansa masɔ yei nyinaa mahwɛ; mekaa sɛ: Mɛhunu nyansa; nso ɛne me ntam ware.


Hwɛ, yei nko na mehunuu sɛ: Onyankopɔn yɛɛ onipa tee, na wɔn ara na wɔhwehwɛ tirim adwene bebree.


ɛnna mehunuu Nyankopɔn nneyɛɛ nyinaa, sɛ onipa ntumi nhunu nnoɔma a wɔyɛ no owia yi aseɛ no, sɛdeɛ onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhunu, na sɛ onyansafoɔ nso ka sɛ ɔbɛhunu a, ɔrentumi nhunu.


M’agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no, na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne deɛ Ɔba no pɛ sɛ ɔyi no adi kyerɛ no.


Na deɛ wɔguu no nkasɛɛ mu no ne deɛ ɔte asɛm no, na wiase asetena yi mu dadwene ne haw ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm no, na ɛnso aba.


Na ɛyɛɛ wɔn ahodwiri boroo so, na wɔkaa sɛ: Wayɛ nnoɔma nyinaa yie, ɔma asotifoɔ te asɛm, na ɔma emum kasa.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios