Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 2:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 meyɛɛ turo ahodoɔ ne baabi a yɛtu mpasa a masiesie hɔ, na metetɛɛ mu nnua a ɛso aba ahodoɔ nyinaa bi;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 meyɛɛ turo ahodoɔ ne baabi a yɛtu mpasa a masiesie hɔ, na metetɛɛ mu nnua a ɛso aba ahodoɔ nyinaa bi;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na miduaduaa nnuaba ahorow bebree wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na meduaduaa nnuaba ahodoɔ bebree wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 meyɛɛ nturo ne mfikyifuw fɛfɛ fae, na miduaduaa mu nnua a ɛsow aba ahorow nyinaa;

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 2:5
10 Referencias Cruzadas  

ne nwoma nso a mede bɛkɔ akɔma ɔhene kwaeɛhwɛfoɔ Asaf, sɛ ɔmma me nnua a mede bɛyɛ aban a ɛwɔ efie no ho apono no mpuna, ne kuro no fasuo no deɛ, ne efie a merekɔ mu no deɛ no. Na me Nyankopɔn ayamyɛ nsa a ɛwɔ me soɔ no nti, ɔhene no maa me.


Me nuabaa, m’ayeforɔ yɛ turo a woato ano pono mu, nsuo aniwa a wɔasi ano kwan, ne asubura a wɔasɔ ano.


Wo mman yɛ atoaa aba ne nnuaba a ɛwɔ boɔ turo, ahuahaa ne nnuannua ahodoɔ,


Atifi fam mframa, sɔre, na anafoɔ mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu, ma ne nnuhwam nsosɔ. Ma me dɔfoɔ mmra ne turo mu, na ɔnni mu nnuaba a ɛwɔ boɔ no.


Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Me dɔfoɔ asiane kɔ ne turo mu, aduhwam akofie ho, sɛ ɔrekɔma ne nnwan aduane, na watete sukooko nhwiren afɛfɛ no.


Na Yudahene Sedekia ne mmarima akofoɔ no nyinaa hunuu wɔn no, wɔdwanedwanee, na wɔfirii kuro no mu anadwo, nam ɔhene turom kwan so, faa ɔponkɛseɛ no mu, afasuo mmienu no ntam, na wɔfirii adi faa mpaperɛ mu kwan so kɔe.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios