Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia yi ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso sɛ mehwɛ nea me nsa ayɛ nyinaa ne nea mabrɛ anya a, ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea wotu mmirika taa mframa mannya mfaso biara wɔ owia yi ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa ne deɛ mabrɛ anya a, ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. Mannya mfasoɔ biara wɔ owia yi ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 2:11
13 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn hunuu deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, na hwɛ, ɛyɛ pa ara. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so nsia ne no.


Kae me nna tiaa a ɛyɛ: Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa?


Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, saa ara pɛ na wɔyɛeɛ. Na Mose hyiraa wɔn.


Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na mede m’akoma nyinaa hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu.


Mfasoɔ bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu?


Mfasoɔ bɛn na deɛ ɔyɛ adwuma no nya no deɛ ɔbrɛ ho no mu?


Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Na yei nso yɛ bɔne a ɛyɛ ya, sɛdeɛ ɔbaa no ara, saa ara na ɔbɛkorɔ, na ɛyɛ no mfasoɔ bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu?


Hwɛ, ɛmfiri asafo AWURADE nkyɛn sɛ aman yɛ adwuma brɛ ma ogya, na nkurɔfoɔ brɛ ma ade hunu?


Na onyamesom pa a abodwoɔ wɔ mu yɛ adenya kɛse.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios