Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 12:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 na wɔatoto borɔno so apono mu, na ayuyameeɛ gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofoɔ nyinaa nne asi ase.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 bere a wɔatoto abɔnten no apon mu na awiyambea nnyigyei ano abrɛ ase; bere a nnipa te nnomaa su na wɔanyan, nanso wɔn nnwonto ano abrɛ ase;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase; ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane, nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na wɔatoto borɔn so apon mu, na awiyamee gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofo nyinaa nne asi ase;

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 12:4
5 Referencias Cruzadas  

Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?


N’anim apono nso, hwan na ɔbɛhini? Ne se ho yɛ hu.


Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo, yi wo nkatanimu, ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho, twitwa asuo.


na mama ahosan nne ne anigyeɛ nne ne ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, oyuyammoɔ nkateɛ ne kanea hann ayera wɔn mu;


Na wɔrente asankubɔfoɔ ne nnwontofoɔ ne mmɛnhyɛnfoɔ ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ nne wo mu bio, na wɔrenhunu adwinnie bi mu dwumfoɔ biara, wo mu bio, na wɔrente oyuyammoɔ biara nka wo mu bio,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios