Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 ɛda a efie awɛmfoɔ ho bɛpopoɔ, na mmarima ahoɔdenfoɔ no mu akonton, na ayuyamfoɔ agyaeɛ, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mpomma mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere a ofi no awɛmfo ho popo, na mmarima ahoɔdenfo akom, bere a awiyamfo agyae adwumayɛ, sɛ wosua nti na wɔn a wɔhwɛ pema mu no ani so ayɛ kusuu;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo, na mmarima ahoɔdenfoɔ akom, ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 ɛda a ofie awɛmfo ho bɛpopo, na mmarima ahoɔdenfo no mu akurum, na awiyamfo agyae, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 12:3
9 Referencias Cruzadas  

Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie.


Na enyini nti, na Israel ani so ayɛ no kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie. Na ɔde wɔn pinii ne nkyɛn; na ɔfee wɔn ano yɛɛ wɔn atuu.


Wago me tumi mu ɔkwan mu, watwa me nna so.


Meyɛɛ sɛdeɛ ɔyɛ m’adamfo ne me nua, mesii me tiri ase twann sɛ obi a ɔregyam ne na.


Mapompono na mapua koraa, da mu nyinaa mede awerɛhoɔ menam foofoo.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nkɔkoraa ne mmerewa bɛda so atenatena Yerusalem mmɔntene so, na nyinkyɛre nti wɔn mpoma bɛkurakura wɔn nsam.


Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, —


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios