Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 12:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Kae wo Bɔfo wɔ wo mmerantebere mu, ansa na nnabɔne no aba na mfe a wobɛka se, “Minni mu anigye biara” no reba,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Kae wo Bɔfoɔ wɔ wo mmeranteberɛ mu, ansa na nnabɔne no aba na mfeɛ a wobɛka sɛ, “Menni mu anigyeɛ biara” no reba,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 12:1
40 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siadeɛ, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fie.


Afiasehwɛni no anha ne ho anhwɛ biribiara a ɛwɔ Yosef nsam, ɛfiri sɛ AWURADE dii n’akyi, na deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, AWURADE maa no yɛɛ yie.


Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?


Enti wo somfoɔ bɛgya ɔhene kwan Yordan agya ara. Na adɛn nti na ɔhene de akatua yi bɛtua me?


Na Israel nyinaa bɛgyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam deɛ a ɔbɛkɔ ɛda mu, ɛfiri sɛ ɔno mu na wɔahunu adepa bi a ɛsɔ AWURADE Israel Nyankopɔn ani, Yeroboam fie.


Na sɛ me deɛ, mefiri wo nkyɛn mekɔ a, AWURADE honhom bɛma wo so akɔ baabi a mennim, na sɛ meka mekyerɛ Ahab na wanhu wo a, ɔbɛkum me. Na me, w’akoa deɛ, mefiri me mmɔfraase mesuro AWURADE.


Na mekɔhwɛe, na mesɔree, na mesee mmakoma ne mpanimfoɔ ne ɔman no nkaeɛ sɛ: Monnsuro wɔn, AWURADE kɛseɛ a ne ho yɛ hu no mmom na monkae no, na monko mma mo nuanom ne mo mmammarima ne mo mmammaa ne mo yerenom ne mo afie.


wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa?


AWURADE, mekae wo din anadwo, na medi wo mmara so.


Mma, mommra, monyɛ aso mma me! Mɛkyerɛ mo AWURADE suro.


Sɛ mekae wo me kɛtɛ so a, medi wo ho dadwene adasuo mu.


Yɛn mfirinhyiam nna, emu wɔ mfeɛ aduɔson, na sɛ ɛboro so a, na ɛreduru aduɔwɔtwe, na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔbrɛ ne ahuhudeɛ, na ɛtwaa mu ntɛm so, na yɛtu kɔe.


Kyerɛ abɔfra ɛkwan a ɔmfa soɔ, na sɛ ɔnyini a, ɔremfiri ho.


Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.


Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ.


Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.


Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Nso w’atemmuo kwan so na yɛhwɛ wo AWURADE kwan, yɛn kra ani gyina wo din ne wo nkaeɛ.


ɛyɛ ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔnnua ne mmeranteberɛ mu.


Na mmerantewaa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nwoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne aniteɛ, na Daniel nyaa anisoadehunu ne daeɛ nyinaa mu nhunumu.


Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden, nso ɔnnim; ɛdwono nso ahura ne tirim, nso ɔnnim.


Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.


Na Yesu frɛɛ mmɔfra no bae, see asuafoɔ no sɛ: Momma mmɔfra no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan! Na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no wɔ wɔn.


Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom montete wɔn Awurade kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.


na mmom kae AWURADE wo Nyankopɔn, na ɔno na ɔma wo ahoɔden a wode nya wo ho, na wama n’apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no atim sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


na wofiri wo mmɔfraase nim atwerɛ kronkron no a ɛbɛtumi ama woahunu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidie soɔ akɔ nkwagyeɛ mu.


Enti me deɛ, mede no mafɛm AWURADE; ne nna a ɔbɛtena aseɛ nyinaa mede no mama AWURADE. Na ɔsɔree AWURADE wɔ hɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Na abɔfra Samuel no kɔɔ so ara nyiniiɛ, na ɔnyaa anisɔ, AWURADE ne nnipa anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios