Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 11:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Sɛdeɛ wonnim mframa kwan ne sɛdeɛ nnompe nyini onyinsɛnfoɔ yam no, saa ara na wonnim Nyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so, anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase, ade nyinaa Yɛfo no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ, anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase. Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛnea wunnim mframa kwan ne sɛ nnompe nyin onyinsɛnfo yam no, saa ara na wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 11:5
19 Referencias Cruzadas  

Mframa bɔ kɔ faako a ɛpɛ, na wote ne nka, na wonnim faako a ɛfire ne faako a ɛrekorɔ. Saa ara nso na obiara a wɔawo no Honhom mu no teɛ.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa, w’adwene mu dɔ pii.


ɛnna mehunuu Nyankopɔn nneyɛɛ nyinaa, sɛ onipa ntumi nhunu nnoɔma a wɔyɛ no owia yi aseɛ no, sɛdeɛ onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhunu, na sɛ onyansafoɔ nso ka sɛ ɔbɛhunu a, ɔrentumi nhunu.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.


AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Deɛ ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkodonko, hwan na ɔbɛhunu?


AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.


Ɛhe na na wowɔ berɛ a metoo asase fapem? Sɛ wowɔ nhunumu a, ka ɛ!


Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no; ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ, na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso.


deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.


Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam, na ɛdane ba atifi fam; ɛde ntwareho kɔ, na ne ntwareho no so na mframa no nam sane ba.


Mede m’akoma mama sɛ mede nyansa bɛbisa na mahwehwɛ nnoɔma a wɔyɛ no ɔsoro ase nyinaa mu, ɔhaw bɔne a Onyankopɔn de ato adasamma soɔ sɛ wɔmmfa mu no.


Mahunu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama adasamma sɛ wɔmmrɛ nyɛ no.


Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.


Deɛ ɔhwɛ mframa no rengu aba, na deɛ ɔhwɛ mununkum no rentwa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios