Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 11:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Kyɛ mu ma nnipa baason anaasɛ baawɔtwe mpo, na wonnim bɔne ko a ɛbɛba asase soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu, wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe, ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 11:2
22 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔdi sradenam na monnom nnɔkɔnnɔkɔwadeɛ, na momfa ebi nkɔma wɔn a wɔnsiesiee ebi mmaa wɔn no, na ɛnnɛ da yi yɛ kronkron ma yɛn AWURADE. Na mommma mo werɛ nnho mo ho, na AWURADE anigyeɛ ne mo ahoɔden.


Enti Yudafoɔ a wɔwɔ nkuraaseɛ no, wɔn a wɔtete nkuro a ɛho nni afasuo mu no de bosome Adar da a ɛtɔ so dunan no yɛ anigyeɛ ne apontoɔ da ne dapa a wɔde nnoɔma mema wɔn ho wɔn ho.


sɛ nna a Yudafoɔ nyaa mu home firii wɔn atamfoɔ nsam, ne bosome a ɛdanee wɔn firii awerɛhoɔ mu kɔɔ anigyeɛ mu, na ɛfirii abooboodie mu kɔɔ dapa mu, sɛ wɔmfa nyɛ apontoɔ ne anigyeɛ ne ɔyɔnko ne yɔnko adiama ne ahiafoɔ adekyɛ nna.


Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu, aane, na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.


Ɔto pete, ɔyɛ ahiafoɔ yie; ne tenenee wɔ hɔ daa, wɔbɛma n’abɛn so, animuonyam mu.


Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.


Adeɛ nsia yi na AWURADE tane, aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,


Sɛ osuo yɛ mununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, faako a dua no hweɛ no, ɛhɔ na ɛbɛda.


Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Na kae wo Bɔfoɔ wo mmeranteberɛ mu ansa na nna bɔne no aba, na mfeɛ a wobɛka sɛ: Menni ho anigyeɛ, no adu;


Enti, ɔhene, ma m’afotuo nyɛ wo fɛ, na fa tenenee ka wo bɔne gu, na fa ahiafoɔ ayɛyɛ sesa w’amumuyɛ, sɛ ebia ɛbɛma wo yiedie akyɛ.


Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ. Sɛ Asiria ba yɛn asase so na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a, ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason, ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.


Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mense wo sɛ ɛnkɔsi mprɛ nson, na mmom mprɛ aduɔson ahodoɔ nson.


Deɛ ɔsrɛ woɔ no, ma no; na deɛ ɔpɛ sɛ ɔfɛm wo hɔ adeɛ no, nnane wo ho mfiri ne ho.


Na sɛ ɔfom wo mprɛnson da koro, na ɔsane ba wo nkyɛn mprɛnson ka sɛ: Masakyera m’adwene a, fa kyɛ no!


Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Monhwɛ mo adagyeɛ yie, ɛfiri sɛ nna yi yɛ nna bɔne.


Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.


Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios