Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 10:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Deɛ ɔtu amena no, emu na ɔbɛhweɛ, na deɛ ɔburi ban no, ɔwɔ bɛka no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Deɛ ɔtu amena no, emu na ɔbɛhweɛ, na deɛ ɔburi ban no, ɔwɔ bɛka no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Obiara a otu amoa no betumi atɔ mu; na nea obubu ɔfasu no, ɔwɔ betumi aka no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu; na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nea otu amoa no, emu na ɔbɛhwe, na nea oburuw ban no, ɔwɔ bɛka no.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 10:8
13 Referencias Cruzadas  

Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na mmeranteɛ du a wɔkura Yoab akodeɛ twaa Absalom ho hyiae, na wɔbobɔɔ no kumm no.


Na wɔsɛnee Haman dua a wasiesie ama Mordekai no so. Na ɔhene abufuo ano dwoe.


Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.


Teefoɔ tenenee bɛgye wɔn, na nkontompofoɔ deɛ mmusubɔ mu na wɔbɛkye wɔn.


Deɛ ɔtu amena bɛhwe ɛno ara mu, na deɛ ɔmuni ɔboɔ no, ɛbɛsane aba ne so.


Deɛ ɔtu aboɔ no, ɛbɛhyɛ no yea, na deɛ ɔpae nnua no, emu na ɔbɛpira.


Ɛte sɛdeɛ obi dwane firi gyata anim na osisire hyia no, na ɔba efie na ɔde ne nsa twere ɔfasuo na ɔwɔ ka no.


Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a, mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ. Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a, ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;


Na ɔbaa n’agya fie Ofra bɛkunkumm ne nuanom, Yerubaal mmammarima aduɔson no, ɔboɔ baako so; nanso ɛkaa Yerubaal babarima kumaa Yotam, ɛfiri sɛ ɔde ne ho siee.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios