Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 10:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Onyansafo anom nsɛm yɛ nyam, nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ ɔsɛe mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam, nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Onyansafo anom asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 10:12
36 Referencias Cruzadas  

Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.


Na wɔn nyinaa dii no adanseɛ, na adom nsɛm a ɛfiri n’anomu no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔbisaa sɛ: Ɛnyɛ Yosef ba no ni anaa?


Deɛ ɔdɔ akoma mu teɛ na n’anomu kasa yɛ dɛ no, n’adamfo ne ɔhene.


Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,


Onipa pa firi nnepa a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnepa adie; na onipa bɔne firi nnebɔne a waboaboa ano n’akoma mu no mu na ɔyi nnebɔne adie.


Ɔbue n’ano nyansa mu, na adɔeɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkyerɛma so.


Sɛdeɛ nkasɛɛ poma teɛ wɔ nsaboni nsam no, sɛ nkwaseafoɔ anomu abebusɛm teɛ ne no.


Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no rennya adwaneyɛ.


Onipa anomu mmuaeɛ yɛ anigyeɛ ma no, na asɛm a wɔka no ne berɛ mu, sɛdeɛ ɛsi yɛ!


Ɛwɔ deɛ ɔworo kasa sɛ nkrantɛ nwowɔeɛ, na onyansafoɔ tɛkyerɛma sa yadeɛ.


Deɛ ɔbu ani no yi awerɛhoɔ, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Akoma mu nyansafoɔ gye mmara nsɛm, na ogyimifoɔ kurokurofoɔ bɛhwe ase.


Wɔn a wɔtwa me ho hyia no deɛ, ma wɔn anomu mmusuo mmua wɔn atifi.


na wɔbɛhwe ase, na wɔn tɛkyerɛma so asɛm abua wɔn atifi, wɔn a wɔhu wɔn nyinaa ho bɛpopo.


Ɔteneneeni ano ka nyansasɛm, na ne tɛkyerɛma bu atɛntenenee;


aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.


Ɔkwasea pompono ne nsa tena hɔ, na ɔdi ɔno ara ne honam.


Anyansafoɔ nsɛm a wɔte no komm yɛ sene nkwaseafoɔ mu tumfoɔ nteamu.


Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfoɔ baako na ɔde maeɛ.


Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.


Mma w’ano kwan mfa wo nkɔ bɔne mu, na nka wɔ ɔbɔfoɔ no anim sɛ: Ɛyɛ mfomsoɔ. Adɛn nti na Nyankopɔn bo mfu wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios