Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 10:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Sɛ obi dadeɛ ano akum na wanse ano a, ɛnneɛ gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso, na mfasoɔ a wɔde di yie ne nyansa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Sɛ obi dadeɛ ano akum na wanse ano a, ɛnneɛ gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso, na mfasoɔ a wɔde di yie ne nyansa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ abonnua ano kum na wɔansew ano a ebehia ahoɔden bebree, nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdi bɛba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ abonnua ano akum na wɔanse ano a, ɛbɛhia ahoɔden bebree nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Sɛ obi dade ano akum na wansew ano a, ɛnne gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso, nanso nyansa ma odi no yiye.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 10:10
20 Referencias Cruzadas  

Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.


Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔakyekyere no nkaberɛ a, na mfasoɔ biara nni hɔ mma nkaberɛkyekyerefoɔ.


Nkwaseafoɔ haw hyɛ deɛ ɔnnim kuro mu korɔ brɛ.


Deɛ ɔtu aboɔ no, ɛbɛhyɛ no yea, na deɛ ɔpae nnua no, emu na ɔbɛpira.


Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa mu sene nkwaseasɛm mu, sɛdeɛ hann mfasoɔ sene esum deɛ no.


Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.


Hwɛ, meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini; enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ, na monyɛ bɔkɔɔ sɛ mmuruburo.


Na mo deɛ, mo asoɔmmerɛ no atrɛ aduru nnipa nyinaa aso mu; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafoɔ, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho,


Anuanom, monnyɛ mmɔfra wɔ adwene mu, na mmom bɔne mu na monyɛ mmɔfra; na adwene mu deɛ, monwie nyini.


Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no na me nsa sɔ atemmuo mu a, mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were, na matua m’atamfoɔ ka.


Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.


Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios