Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ɔsɛnkafo 10:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Nwansena funu ma odufrani aduro bɔn na ɛporɔ, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sene nyansa ne animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Nwansena funu ma odufrani aduro bɔn na ɛporɔ, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sene nyansa ne animuonyam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛnea nwansena funu ma aduhuam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakraa bi boro nimdeɛ ne anuonyam so no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sen nyansa ne anuonyam.

Ver Capítulo Copiar




Ɔsɛnkafo 10:1
11 Referencias Cruzadas  

Na Hanani ba Yehu, ɔdehunufoɔ no, firi kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yehosafat sɛ: Ɔbɔnefoɔ na ɛsɛ sɛ woboa no, na wɔn a wɔtane AWURADE no na wodɔ wɔn? Na yei nti abufuo a ɛfiri AWURADE anim da wo so.


Ɛnyɛ yeinom ho na Israelhene Salomo yɛɛ bɔne? Nanso amanaman nyinaa mu hene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno, na onipa a Onyankopɔn dɔ no ne no, na Onyankopɔn de no sii Israel nyinaa so hene, ɔno mpo, mmaa ananafoɔ na wɔmaa no yɛɛ bɔne.


Deɛ enti a wɔbɔɔ no paa ne sɛ, mensuro na menyɛ saa, na menyɛ bɔne, na wɔanya dimmɔne bi abɔ de asopa me.


Ɛno deɛ anka ɛbɛsene mpoano anwea duru, enti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi,


na fa yɛ sra ngo kronkron, adufra a wɔafra no adufrafoɔ nyansa mu, na ɛnyɛ sra ngo kronkron.


Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.


Hwɛ, sɛ obi kura nam kronkron n’atadeɛ mmuano mu, na ɔde mmuano no kɔka paanoo ne aduane a wɔanoa ne nsa ne ngo ne aduane biara a, ɛbɛyɛ kronkron anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Dabi.


Na Hagai bisaa sɛ: Sɛ, efunu nti, deɛ ne ho akum kɔka yeinom biara a, na ɛho akum anaa? Na asɔfoɔ no bua see sɛ: Aane, ɛho akum.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios