Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Teman wʼakofo bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no, wobetwitwa mo atɔre mo ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ao Teman wʼakofoɔ bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔ so no, wɔbɛtwitwa mo atɔre mo ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Teman, wo nnɔmmarima bo betu, na wɔde kum atwa nnipa nyinaa afi Esau bepɔw so.

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:9
19 Referencias Cruzadas  

Na Elifas mma ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas.


Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ bɛdii n’adeɛ.


Na Hiob nnamfo baasa tee amanehunu a aba ne soɔ yi nyinaa no, wɔn mu biara firi deɛ ɔwɔ bae, Temanni Elifas ne Suhini Bildad ne Naamani Sofar, na wɔbɛhyiaa sɛ wɔrebɛgyam no na wɔakyekyere ne werɛ.


Enti montie AWURADE agyina a watu no Edom ho, ne ne tirimbɔ a wabɔ no Temanfoɔ ho no, ampa ara, wɔbɛtwe wɔn sɛ nnwan mu nkumaa akɔ, ampa ara, wɔn ho bɛyɛ wɔn tenabea ahodwiri.


Hwɛ, ɔforo sɛ ɔkɔdeɛ retu aba, na ɔtrɛ ne ntaban mu Bosra so; na ɛda no, Edom nnɔmmarima akoma bɛyɛ sɛ ɔbaa a ɔda ahohiahia mu akoma.


Edom deɛ nie: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Nyansa biara nni Teman bio? Afotuo abɔ nhunumufoɔ? Wɔahwie wɔn nyansa agu anaa?


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afiri Teman, na wɔatotɔ nkrantɛ ano akɔduru Dedan.


Na mɛto Teman mu gya, na ahye Bosra aban denden no.


Na nnɔmmarima mu kokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane ɛda no, AWURADE asɛm nie.


Na agyefoɔ bɛforo aba Sion bepɔ so na wɔabɛdi Esau bepɔ so, na ahennie no bɛyɛ AWURADE dea.


Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, sɛ wɔrewia wo mpo a, anka wɔrennya wo ase anaa? Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a, anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?


Hwɛ, w’akofoɔ ayɛ mmaa wɔ wo mu, bue na wɔabue w’asase apono ama w’atamfo, ogya ahye w’apono akyiri adaban.


Onyankopɔn firi Teman ba, na ɔkronkronni no firi Paran bepɔ so. Sela N’animuonyam kata ɔsoro, na n’ayeyie yɛ asase so ma.


mo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremfa wɔn asase nammɔn baako mpo memma mo, ɛfiri sɛ mede Seir bepɔ mama Esau sɛ n’atenaeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios