Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, sɛ wɔrewia wo mpo a, anka wɔrennya wo ase anaa? Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a, anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Sɛ awifoɔ, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, sɛ wɔrewia wo mpo a, anka wɔrennya wo ase anaa? Sɛ obobe abatefoɔ bɛtete w’aba a, anka wɔremma mpɛpɛ nka anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 “Sɛ akorɔmfo ba wo so, anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana? Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 “Sɛ akorɔmfoɔ ba wo so a, anaa adwotwafoɔ ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrenwia wo nneɛma dodoɔ a wɔpɛ anaa? Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakra bi pɛ na wɔbɛgya wo anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛ awifo, sɛ anadwo adwowtwafo ba wo so a, ao, woasɛe dɛn ara, so anka wɔrenwia nea ɛbɛso wɔn? Sɛ obobe abatewfo ba wo so a, so anka wɔremma mpɛpɛwa nka anaa?

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:5
13 Referencias Cruzadas  

Ɛnie: Israel, w’animuonyamfoɔ a wɔahwire wɔn mu no deda wo sorɔnsorɔmmea so. Sɛdeɛ ahoɔdenfoɔ asi atotɔ!


Ɛyɛɛ dɛn na wofiri ɔsoro ahwe aseɛ? Ao, Nsoromma Hyerɛnfoɔ, Adekyeeɛ ba! Wɔatwa wo ahwe fam, wo a wobrɛɛ amanaman aseɛ no.


Nanso ɛbɛka wɔn mu mpɛpɛwa no bi, sɛ ngodua poreɛ mu a aba mmienu anaa mmiɛnsa wɔ ntɛntɛnoa, nnan anaa nnum wɔ ne ban a aso yie no soɔ no: AWURADE, Israel Nyankopɔn, na ɔseɛ.


Na saa na ɛbɛba asase no soɔ, aman no mu, sɛ ngodua poreɛ, sɛ bobe abateɛ akyiri mpɛpɛdie.


Sɛ bobe abatefoɔ ba wo so a, wɔrennya wo mpɛpɛ anaa? Na sɛ anadwo akorɔmfoɔ ba a, wɔbɛsɛe deɛ ɛbɛso wɔn anaa?


Sɛdeɛ wɔasi atwitwa, na wɔabubu asase nyinaa asaeɛ no, sɛdeɛ Babel asi adane amamfo amanaman mu ne no!


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛdi Israel nkaeɛ ho mpɛpɛ sɛ obobe ho. Himahima wo nsa kɔ nkɛntɛn mu sɛ obobe abatefoɔ.


Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ.


Teman, wo nnɔmmarima akoma bɛtu, na wɔakum nnipa nyinaa afiri Esau bepɔ so.


Mennue, na mayɛ sɛ nnuabateɛ, sɛ bobe aba mpɛpɛdie, bobe esia a mɛdie, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ.


Yei ne kuro a ɛdi ahurisie a ɛte hɔ anibiannasoɔ soɔ, na ɛse no n’akoma mu sɛ: Me ara na obi nni m’akyiri bio. Hwɛ sɛdeɛ wasi adane amamfo, mmoa abutuiɛ! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwerɛma na wawoso ne tiri.


Sɛ wote wo bobeturom aba a, nsane nkɔdi so mpɛpɛ; ma no nyɛ ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ deɛ.


N’aninyanneɛ no suro nti wɔbɛgyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kuro kɛseɛ Babel, kuro a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ dɔnhwereɛ baako mu na w’atemmuo aba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios