Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Obadia 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 ɛnsɛ sɛ anka wohyɛne me man kuro pono no mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wɔn amanehunu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa sɔ wɔn ahodeɛ mu, wɔn amanehunu da no;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 ɛnsɛ sɛ anka wohyɛne me man kuro pono no mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wode anigyeɛ hwɛ wɔn amanehunu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa sɔ wɔn ahodeɛ mu, wɔn amanehunu da no;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu wɔ wɔn amanehunuda, anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahode so gye wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛne me nkurɔfoɔ kuro apono no mu wɔ wɔn amanehunu ɛda, anka ɛnsɛ sɛ wosere wɔ ɛberɛ a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahodeɛ so gye wɔ ɛberɛ a wɔwɔ amanehunu mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 ɛnsɛ sɛ anka wohyɛn me man kurow pon no mu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wɔn amanehunu, wɔn amanehunu da no; ɛnsɛ sɛ anka woteɛ wo nsa so wɔn ahode mu, wɔn amanehunu da no;

Ver Capítulo Copiar




Obadia 1:13
9 Referencias Cruzadas  

na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.


Ɛsiane sɛ wokaa sɛ: Aman mmienu yi ne nsase mmienu yi, bɛyɛ me deɛ na yɛafa adi so, nso AWURADE wɔ hɔ,


Ɛsiane sɛ wokuraa daa nitan, na woyii Israel mma hyɛɛ nkrantɛ nsa, wɔn amaneɛ berɛ mu, wɔn asotwe a ɛdi akyire no mu nti,


Metumi mekan me nnompe nyinaa, wɔn deɛ, wɔhwɛ me de gye wɔn ani.


Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.


N’asraafoɔ apaafoɔ a wɔwɔ ne mu no te sɛ anantwie a wɔadɔre sradeɛ, aane, wɔn nso wɔdane wɔn ho bɔ mu dwanedwane; wɔnnyina, ɛfiri sɛ wɔn sɛeɛ da adu, wɔn asotwe berɛ aba wɔn so.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ ɔtamfoɔ ka mo ho asɛm sɛ: Wiɛ, tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn deɛ! nti,


hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti,


Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho sanee me sɛ bɔne ato no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios