Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 98:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ, wayi ne tenenee adi, amanaman anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ, wayi ne tenenee adi, amanaman anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ama wɔahu ne nkwagye na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 AWURADE ama wɔahu ne nkwagye, wayi ne trenee adi, amanaman anim.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 98:2
23 Referencias Cruzadas  

Wɔbɛba abɛka ne tenenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no, sɛ ɔno na wayɛ.


Ɔno na ɔbɛnya AWURADE nsam nhyira na ne nkwagyeɛ Nyankopɔn bɛbu no bem.


Mede me tenenee apinkyɛ, ɛnni akyiri, na me nkwagyeɛ renka akyi. Mede nkwagyeɛ bɛsi Sion, na mede m’animuonyam mama Israel.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no nan si yɛ fɛ fa! Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!


Na amanaman bɛhunu wo bembuo, na ahemfo nyinaa ahunu w’animuonyam, na wɔato wo din foforɔ a AWURADE ano bɛkyerɛ no.


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


Na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Ɛfiri sɛ emu na wɔyi Nyankopɔn tenenee adi firi gyidie mu kɔ gyidie mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano.


Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu;


Ɛfiri sɛ, deɛ ɔnnim bɔne no, ɔde no yɛɛ bɔne maa yɛn, na yɛayɛ Nyankopɔn tenenee wɔ ne mu.


na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.


ntwɛn Onyankopɔn kɛseɛ ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidasoɔ ne n’animuonyam ahoyie.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios