Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 98:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Monto dwom foforo mma Awurade, efisɛ wayɛ anwonwade bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagye ama no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Monto dwom foforo mma AWURADE, na wayɛ anwonwade, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 98:1
39 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?


Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anom atemmusɛm no,


Deɛ ɔno nko ara yɛ anwanwadeɛ akɛseɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.


Meda wo ase sɛ woyɛɛ me maa no yɛɛ hu ne nwanwa, wo nneyɛɛ yɛ nwanwa, na me kra nim saa yie.


Monyi AWURADE ayɛ! Monto dwom foforɔ mma AWURADE, monka n’ayeyie ahotefoɔ asafo mu.


Monto dwom foforɔ mma no, mommɔ sankuo yie nka ɛnne ho!


Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,


Wone Onyankopɔn a woyɛ anwanwadeɛ, woama wɔahunu wo tumi, aman mu.


Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, asase nyinaa, monto dwom mma AWURADE.


Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.


Monto ayeyie dwom mma AWURADE, na wayɛ adeɛ akɛseɛ; momma wɔnhunu yei asase nyinaa so.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, momfiri asase ano nto n’ayeyie dwom; mo a mokɔ ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa aseɛ, nsuo ano aman ne wɔn a wɔtete soɔ.


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.


Na mehwɛe, nso na ɔboafoɔ biara nni hɔ; na ɛyɛɛ me nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔsɔ mu abia; enti me ankasa me basa gyee me, na m’abufuhyeɛ nso sɔɔ me mu abia.


Wobɛwɔ ntwɛtwɛdɛ akɔsi da bɛn, O ɔbabaa akyirisanfoɔ? Na AWURADE abɔ ade foforɔ, asase so, ɔbaa bɛbɔ ɔbarima ho ban.


ɛfiri sɛ Otumfoɔ no ayɛ adeɛ kɛseɛ ama me, na ne din ne kronkron,


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


Sɛdeɛ Awurade asɛm nam ahoɔden so nyiniiɛ na ɛyɛɛ den ne no.


Kretafoɔ ne Arabfoɔ, yɛte sɛ wɔde yɛn kasa ka Nyankopɔn nnwuma akɛseɛ.


na watu mpaninnie ne tumidie agu ayi wɔn adi akyerɛ pefee wɔ badwam de adi wɔn so nkonim wɔ mu.


Na wɔtoo dwom foforɔ bi, ahennwa ne ateasefoɔ baanan ne mpanimfoɔ no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan nnan a wɔagye wɔn afiri asase soɔ no nko.


Yeinom ne Adwammaa no bɛko, na Adwammaa no bɛdi wɔn so nkonim, ɛfiri sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahemfo mu Hene, — ɔno ne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔayi wɔn na wɔdi nokorɛ no.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Na mehunui na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no kura tadua. Na wɔmaa no abotire, na ɔfirii adi a ɔredi nkonim na wakɔdi nkonim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios