Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 97:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 N’anyinam hran wiase, asase hunu, na ɛpopo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 N’anyinam hran wiase, asase hunu, na ɛpopo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Nʼanyinam hyerɛn wiase; asase hu na ne ho popo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 N’anyinam haran wiase, asase hu, na ɛpopo.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 97:4
14 Referencias Cruzadas  

Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa, na ne hann kɔduru asase anoano.


Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ, na ne nnyinasoɔ popo.


Ɔno na ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ, ɔka mmepɔ na ɛfiri wisie.


Asase, popo AWURADE anim, Yakob Nyankopɔn anim.


w’aprannaa boboom, ahum a ɛdi kyinhyia mu. Anyinam hyerɛn wiase, asase popoe na ɛwosoe.


Wo kwan faa ɛpo mu, na wo tempɔn nsuo pii mu, na wɔanhunu w’anammɔn.


Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu, asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


Na wɔhinii Nyankopɔn asɔredan no ɔsoro, na wɔhunuu n’apam adaka no n’asɔredan no mu. Na anyinam, ne ɛnne, ne aprannaa, ne asasewosoɔ ne asukɔtweaaguo kɛseɛ bae.


Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi nie, na deɛ ɔte ne soɔ no, wɔfrɛ no Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ, na ɔbu atɛn, na ɔtu sa wɔ tenenee mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios