Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 97:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia; trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Omununkum ne sum atwa ne ho ahyia, trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 97:2
18 Referencias Cruzadas  

Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Deɛ wahyɛ ama me na ɔbɛma no aba, na adeɛ a ɛte seyie pii na ɛwɔ ne tirim.


Ɔbram n’ahennwa anim de ne mununkum katakata ho.


Wo kwan faa ɛpo mu, na wo tempɔn nsuo pii mu, na wɔanhunu w’anammɔn.


Tenenee ne atemmuo ne w’ahennwa nnyinasoɔ, adɔeɛ ne nokorɛ gyina w’anim.


Nhyira ne ɔman a wɔnim osebɔ na wɔnante wo, AWURADE, anim hann mu.


Ɔhene tumfoɔ a wodɔ atemmuo, wo na wobu atɛntenenee, Yakob mu atemmuo ne tenenee, wo na wobuo.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE.


Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.


Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim.


AWURADE bo kyɛre fu, na n’ahoɔden so, na ɔremmu fɔdifoɔ bem ara da. AWURADE no, ahum ne kyinhyia mframa mu na ne kwan wɔ, na mununkum yɛ ne nan ase mfuturo.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios