Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 94:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔka asɛmdenden, amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Wɔka asɛmdenden, amumuyɛfoɔ nyinaa di ahantansɛm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefo nyinaa ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔkasa ahantan so; ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔka asɛnnennen, amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 94:4
26 Referencias Cruzadas  

sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


Wɔse wɔn tɛkyerɛma ano sɛ ɔwɔ, ahuritia borɔ wɔ wɔn se ano.


Ma atorofoɔ ano mmua, wɔn a wɔka ɔteneneeni ho nsɛm a ɛyɛ den ahokyerɛ ne aniammɔho mu no.


Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa.


Wɔn anomu nsɛm yɛ nsɛmmɔne nko, enti ma wɔnkye wɔn, wɔn ahantan mu, ne nseɛ ne atorɔ a wɔdie no nti.


Hwɛ, wɔde wɔn ano woro kasa, nkrantɛ wɔ wɔn ano, na “hwan na ɔteɛ?”


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn se yɛ nkrantɛ, na wɔn dodomse yɛ nsekammoa, a wɔde mmɔborɔfoɔ firi asase soɔ ne ahiafoɔ firi nnipa mu.


Na wɔkaa sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara renyera mfiri ɔsɔfoɔ hɔ, na afotuo rempa onyansafoɔ anomu, na asɛm remmɔ odiyifoɔ. Mommra mma yɛmfa tɛkyerɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.


Mehwɛe ara kɔsii sɛ ɛsiane nsɛm akɛseɛ a abɛn no kekaeɛ nti, wɔkumm aboa no, na wɔsɛee ne honam, na wɔde maa ogya a ɛrefranam no.


Na ɔbɛkeka nsɛm atia deɛ ɔwɔ Ɔsorosoro no, na ɔbɛha ɔsorosoroni no akronkronfoɔ, na ɔbɛbɔ ne tirim sɛ ɔbɛdane mmerɛ ne mmara, na wɔde wɔn bɛhyɛ ne nsa, mfeɛ mmiɛnsa ne fa.


Merehwɛ mmɛn no no, hwɛ, abɛn ketewa foforɔ bi puee wɔ wɔn ntam, na akane mmɛn no mu mmiɛnsa ase tutuu ɛno anim, na hwɛ, na aniwa a ɛte sɛ onipa aniwa ne ano a ɛkeka nsɛnkɛseɛ wɔ abɛn no ho.


Na ɔmaa ne ho so kɔduruu asafo no safohene so, na ɔyii daa afɔdeɛ no firii n’anim, na wɔtoo ne kronkron tenabea hwee fam.


Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Monnkasa ahantan kasa bebree saa, mommma asɛm denden mmfiri mo anomu, na AWURADE ne Onyankopɔn a ɔhunu adeɛ nyinaa, na ɔno na ɔkari nneyɛɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios