Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 92:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ogyimifoɔ nnim, na ɔkwasea nhunu yei mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Agyimifo nnim na nkwaseafo nte ase,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ogyimifoɔ nnim na nkwaseafoɔ nte aseɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Ogyimifo nnim, na ɔkwasea nhu eyi mu.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 92:6
18 Referencias Cruzadas  

AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


Meda wo ase sɛ woyɛɛ me maa no yɛɛ hu ne nwanwa, wo nneyɛɛ yɛ nwanwa, na me kra nim saa yie.


Ogyegyentwie se n’akomam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛɛ ayɛ akyiwadeɛ, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.


Monnyɛ sɛ apɔnkɔ anaa mfunumupɔnkɔ a wɔnnim de, nnareka ne ɛho homa na wɔde to wɔn ano mu twe wɔn, anka wɔrentwe mmɛn wo.


Na ɔhunu sɛ anyansafoɔ wuwu, na saa nso na nkwasea ne agyimifoɔ sɛeɛ, na wɔgya wɔn ahodeɛ ma ebinom.


anka meyɛ ɔkwasea a mennim de, na mayɛ sɛ aboa, w’ani so.


Mese ahokyerɛfoɔ sɛ: Monnyɛ ahokyerɛ. Na mese abɔnefoɔ sɛ: Mommma abɛn no so.


Ɔman mu agyimifoɔ, monte aseɛ, na mo, nkwasea, da bɛn na mobɛhunu de?


Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie? Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie, na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?


Nyansa korɔn papa ma ogyimifoɔ, ɔmmue n’ano kuro pono mu.


Na meyɛ mmoasɛm kyɛne onipa obiara, na nhunumu a onipa wɔ no, na menni bi.


Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano.


na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene.


Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ, sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ, na ahome nni wɔn mu.


Wo a woso, agyinatuo mu na w’adeyɛ dɔɔso. Wo a w’ani bue hwɛ nnipa mma akwan nyinaa, sɛ wobɛma obiara sɛdeɛ n’akwan ne ne nneyɛɛ aba teɛ no.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea?


Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios