Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 92:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa, w’adwene mu dɔ pii.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si soso fa, w’adwene mu dɔ pii.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse, na wo nyansa mu dɔ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ, na wo nyansa mu dɔ!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 AWURADE, wo nnwuma sosoe dɛn ara, w’adwene mu dɔ pii.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 92:5
15 Referencias Cruzadas  

AWURADE, sɛdeɛ wo nnwuma si dɔɔso fa, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔdeɛ ahyɛ asase so ma.


AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyiri kwan.


Na me deɛ, Onyankopɔn, sɛdeɛ w’adwene boɔ si yɛ me den! Sɛdeɛ ɛsi dɔɔso!


Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ, w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ. AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.


AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.


Wɔbɔre hwehwɛ amumuyɛ, wɔawie wɔn tirim pɔ no, wɔabɔre abɔre, na onipa tirim ne n’akomam dɔ.


Monse Onyankopɔn sɛ: Wo nnwuma yɛ hu ampa. Wo tumi kɛseɛ nti w’atamfo bɛkoto wo.


Deɛ ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkodonko, hwan na ɔbɛhunu?


Yei nso, asafo AWURADE nkyɛn na ɛfire; n’agyinatuo yɛ nwanwa na ne nyansa nni ano.


AWURADE abufuo no rensane kɔsi sɛ ɛbɛwie na ama n’akoma mu adwene agyina; nna a ɛdi akyire no mu no na mobɛhunu mu pefee.


Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.


Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ: Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa. Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios