Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 91:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 bɛse AWURADE sɛ: Me dwanekɔbea ne m’abankɛseɛ, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mese Awurade se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Bese AWURADE sɛ: Me guankɔbea ne m’abankɛse, me Nyankopɔn a mede me ho meto wo so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 91:2
26 Referencias Cruzadas  

Na mɛma me ne wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no apam agyina wɔ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu, na ayɛ daa apam, na mayɛ wo ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no Nyankopɔn.


Mobɛhwete mmɔborɔni atirimpɔ mu ara, nanso AWURADE ne ne dwanekɔbea.


Mesu mefrɛ wo, AWURADE. Mese: Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa, ateasefoɔ asase so.


Wɛn w’aso tie me su, na mayɛ hodwoo, yi me firi m’ataafoɔ nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛne me.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


Mesu mefrɛ AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ, na wɔagye me m’atamfoɔ nsam.


Me Nyankopɔn, wo so na mede me ho matoɔ, mma m’ani nnwu, mma m’atamfoɔ ho nnsɛpɛ wɔn, me nti.


Wo nsam na me mmerɛ wɔ, gye me m’atamfoɔ ne m’ataafoɔ nsam.


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Enti sɛ asase ani dane butu, na mmepɔ tutu gu po bunu mu,


sɛ saa Nyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa, ɔbɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ de akɔsi owuo mu.


Na wo, Onyankopɔn, woate me bɔhyɛ, wode wɔn a wɔsuro wo din agyapadeɛ ama me.


Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa. Woahyɛ sɛ wɔnnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasuo.


Na wo, AWURADE, ne me dwanekɔbea, aane, ɔsorosoroni no na wode no ayɛ wo tenabea.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, mɛyɛ Israel mmusua no nyinaa wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa te ase ma no.


Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios