Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 87:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE kuro a ɔkyekyereeɛ wɔ mmepɔ kronkron so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Onyankopɔn kurow a ɔkyekyee wɔ mmepɔw kronkron so:

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 87:1
17 Referencias Cruzadas  

Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.


Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba?


Yɛn nan bɛgyina w’aponkɛseɛ mu, ao, Yerusalem.


Sɛdeɛ ɔforoteɛ pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Onyankopɔn, ne no.


Adɛn na mo mmepɔ atentene mode ani bɔne hwɛ bepɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ ɔtena soɔ no? Ampa, AWURADE bɛtena so daa.


Na ɔsii ne kronkronbea sɛ ɔsoro sɛ asase a ɔde atim hɔ daa no.


Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fie, wɔn hyeɛ afɔdeɛ ne wɔn kum afɔdeɛ bɛsɔ m’ani, m’afɔrebukyia so; na me fie no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fie ama aman nyinaa.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.


Na me nso mese wo sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie, na Asamando apono remmu mfa so.


yɛn a yɛne no wɔ bepɔ kronkron no soɔ no tee saa nne yi sɛ ɛfiri soro baeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios