Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 86:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Na wo, AWURADE, woyɛ, na wode kyɛ, na w’adɔeɛ dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ woɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Awurade, wuye na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmoroso ma wɔn a wosu frɛ wo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ, wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wo, Awurade, wuye, na wode kyɛ, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 86:5
32 Referencias Cruzadas  

Na wɔampɛ sɛ wɔtie, na wɔankae w’anwanwadeɛ a woyɛɛ no wɔn mu no, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔsii wɔn so panin sɛ wɔresane akɔ Misraim wɔn anyadie no mu, wɔn atuateɛ no mu. Na wone fakyɛ Nyankopɔn, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, woyɛ abufuo mu nyaa, na w’adɔeɛ dɔɔso, na woannya wɔn.


Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ, na ɔsa wo nyarewa nyinaa.


Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne AWURADE, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ dɔɔso.


Woyɛ, na woyɛ yie, kyerɛkyerɛ me w’ahyɛdeɛ.


Na wo na fakyɛ wɔ wo fam, na wɔasuro wo.


Israel, ma w’ani nna AWURADE so, n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.


AWURADE bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokorɛ mu nyinaa.


AWURADE yɛ, na ɔtene, enti na ɔkyerɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ ɔkwan soɔ.


Ao, Onyankopɔn, hwɛ sɛdeɛ w’adɔeɛ no si so fa! Na nnipa mma de wɔn ho kɔhyɛ wo ntaban nwunu ase.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Ɔkatakyie, adɛn na wohoahoa wo ho bɔne ho? Nyankopɔn adɔeɛ wɔ hɔ daa nyinaa.


Yi me firi atɛkyɛ mu, na mammem, ma wɔnyi me mfiri wɔn a wɔkyiri me nsam ne abunu mu.


AWURADE, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ, dane w’ani kyerɛ me, sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ.


Na wo, AWURADE, woyɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, wo boasetɔ kyɛ, na w’adɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.


Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE), Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, deɛ n’abodwoɔ kyɛre na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii,


Ma ɔbɔnefoɔ nnane ne kwan nnya, na onipa huhuo nnane n’adwene nnya, na ɔnsane mmra AWURADE nkyɛn, na ne yam bɛhyehye no ama no, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne fakyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Frɛ me, na mɛgye wo so, na maka wo nsɛm akɛseɛ ne nnoɔma a ahunta a wonhunuiɛ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,


Monsunsuane mo akoma, na ɛnyɛ mo ntadeɛ mu, na monsane mmra AWURADE mo Nyankopɔn nkyɛn, na ɔyɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, ne bo kyɛre fu, na n’adɔeɛ so, na ɔsakyera n’adwene wɔ adebɔne ho.


Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


Yesu bua see no sɛ: Sɛ wonim Nyankopɔn akyɛdeɛ, ne deɛ ɔse wo sɛ: Ma me bi mennom yi a, anka wobɛbisa no, na wama wo nkwa nsuo.


Na ɛbɛba sɛ obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no, wɔbɛgye no nkwa.


Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso no nam ne dɔ bebree a ɔde dɔ yɛn no so


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios