Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 86:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 O AWURADE, me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, na mahyɛ wo din animuonyam daa,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 O AWURADE, me Nyankopɔn, mede m’akoma nyinaa bɛda wo ase, na mahyɛ wo din animuonyam daa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Mede me koma nyinaa meyi wo ayɛ, Awurade me Nyankopɔn na mahyɛ wo din anuonyam daa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 O Awurade, me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa,

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 86:12
19 Referencias Cruzadas  

Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn deɛ, yɛda wo ase, na yɛyi w’animuonyam din no ayɛ.


Na Dawid ka kyerɛɛ badwa no nyinaa sɛ: Monhyira AWURADE mo Nyankopɔn no ɛ! Na badwa no nyinaa hyiraa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wɔkoto sɔree AWURADE ne ɔhene.


Mete aseɛ yi, mɛto dwom mama AWURADE, mewɔ hɔ yi, mɛto ayeyie dwom mama me Nyankopɔn.


Mɛhyira AWURADE nna nyinaa, n’ayeyie wɔ m’anomu daa yi.


Mede m’akoma nyinaa mɛda AWURADE ase; AWURADE, mɛka w’anwanwadeɛ nyinaa akyerɛ.


Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


Na wɔnam kwan so rekorɔ no, wɔkɔduruu asuo bi ho, na opiani no kaa sɛ: Hwɛ, nsuo ni; ɛdeɛn na ɛsi me asubɔ ho kwan?


na mode akoma korɔ ne anokorɔ ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, animuonyam.


Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.


Na wɔtɔɔ mo aboɔden; enti monhyɛ Onyankopɔn animuonyam mo nipadua mu.


Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,


Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios