Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 86:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Woyɛ ɔkɛse na woyɛ anwonwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma; wo nko ara ne Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade, wo nkutoo ne Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 86:10
20 Referencias Cruzadas  

Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?


Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,


Obiara nte sɛ wo, anyame mu, AWURADE, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Asafo AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko ne Onyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Na afei, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo nko ne AWURADE.


Mene AWURADE, na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ me nko. Me na mebɔ wo abɔsoɔ, nso wonni me,


Na Yesu buaa no sɛ: Deɛ ɛdi mmara nsɛm no nyinaa kan ne: Israel, tie, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro;


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi.


Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara.


yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya baako a ɔdi yɛn nyinaa soɔ, na ɔfa yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu.


Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.


na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios