Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 84:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Nso apatuprɛ anya ɛdan, na asomfenakatakyi anya ebuo a ɔbɛto ne mma agu mu, ɛne w’afɔrebukyia no, asafo AWURADE, me Hene ne me Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Nso apatuprɛ anya ɛdan, na asomfenakatakyi anya ebuo a ɔbɛto ne mma agu mu, ɛne w’afɔrebukyia no, asafo AWURADE, me Hene ne me Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mpo akasanoma anya ofi, na asomfena nso anwen ne berebuw, faako a obesow ne mma wɔ beae bi a ɛbɛn wʼafɔremuka, Awurade Asafo, me Hene ne me Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Mpo akasanoma anya fie, na asomfena nso anwono ne pirebuo, baabi a ɔbɛhwane ne mma wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia, Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Nso akasanoma anya ɔdan, na asomfena anya buw a ɔbɛtow ne mma agu mu, ɛne w’afɔremuka no, asafo AWURADE, me hene ne me Nyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 84:3
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio.


Me kra, sane kɔ wo home mu, na AWURADE ne wo adi no yie.


Me nisuo ayɛ me aduane awia ne anadwo, sɛ wɔse me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Tie me nteamu, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.


AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no


Kasa kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, meregu me kronkronbea ho fi, mo ahoɔden ahokyerɛ no, mo ani adeɛ a ɛpɛ ne mo kra adeɛ a ɛdɔ no; na mo mmabanin ne mo mmammaa nkaeɛ no bɛtotɔ nkrantɛ ano.


Ao! Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ, na wosi wɔn a wɔasoma wɔn wo nkyɛn aboɔ! Mprɛ ahe na anka mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampɛ!


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios