Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 81:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Mma onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Mma onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛnsɛ sɛ munya anyame foforo bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokotow ananafo anyame.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛnsɛ sɛ monya anyame foforɔ bi wɔ mo mu; ɛnsɛ sɛ mokoto ananafoɔ nyame.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Mma Onyame nanani bi nntena wo mu, na nsɔre onyame nanani biara.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 81:9
12 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Sɛ yɛn werɛ afiri yɛn Nyankopɔn din anaasɛ yɛatrɛ yɛn nsam akyerɛ onyame foforɔ a,


Me man, montie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ: Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.


Monyɛ aso na montie me nne, monwɛn mo aso ntie m’asɛm.


Me na maka, na magye nkwa, na mama wɔate, ɛberɛ a na onyame foforɔ bi nni mo mu; na mone m’adansefoɔ, AWURADE na ɔseɛ.


Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.


Yuda atwa nkontompo na wɔayɛ akyiwadeɛ Israel ne Yerusalem mu. Na Yuda agu AWURADE kronkronbea a ɔdɔ no ho fi, na wakɔware onyame nanani babaa.


AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan, na anyame foforɔ biara anka ne ho.


monnni anyame foforɔ a wɔfiri amanaman a wɔgugu mo ho no anyame no akyi;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios