Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 80:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Asafo Nyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio; ma wʼanim nhyerɛn yɛn so, na wɔagye yɛn nkwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Asafo Nyankopɔn, dan yɛn bra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 80:7
10 Referencias Cruzadas  

Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.


AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie: Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa, kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene;


Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?


Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu, O Yerusalem, na wɔagye wo. Da bɛn na w’abusudwene ntena wo mu nkɔsie?


na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu, na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ, na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


Na ɔbɛdane Israel mma mu bebree aba Awurade, wɔn Nyankopɔn, nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios