Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 79:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no anuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din nti.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no animuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din enti.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Di boa yɛn, yɛn nkwagye Nyankopɔn, wo din anuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 79:9
17 Referencias Cruzadas  

Sɛ yɛn amumuyɛ kasa tia yɛn mpo a, AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biribi, na yɛn nsaneakyire adɔɔso, wo na yɛayɛ wo bɔne.


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Na Asa frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn sɛ: AWURADE, ɛnyɛ adeɛ bi mma wo sɛ wobɛboa wɔn a wɔdɔɔso anaa wɔn a wɔnni tumi. Boa yɛn, AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wo na yɛtwere woɔ, na wo din mu na yɛnam rekɔ nnipakuo yi soɔ. AWURADE yɛn Nyankopɔn ne wo, mma ɔdasani nnnya wo so ahoɔden.


Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.


Wo din nti, mpa yɛn; ngu w’animuonyam adwa no anim ase; kae, mmubu w’apam a ɛda yɛne wo ntam no.


Me din nti na metwentwɛn m’abufuo aseɛ, na m’ayeyie nti medwoo m’ani memaa wo, na manku wo.


Ao AWURADE, tie, Ao AWURADE, fakyɛ, Ao AWURADE, yɛ aso na yɛ! Ntwentwɛn wo nan ase, wo, me Nyankopɔn ara nti, na wo din na wɔbɔ frɛ wo kuro ne wo man.


Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.


Me, me ara, mene deɛ ɔpepa wo mmarato, me ara me nti, na wo bɔne nso, merenkaeɛ.


Amumuyɛdeɛ boroo me so, wo na woakata yɛn mmarato soɔ.


Na wone me botantim ne me tenabea srɔnsrɔn, na wo din nti wobɛkyerɛ me kwan na woakɔgya me.


na ama wɔayi n’adom a ɔde adom yɛn wɔ ne Dɔba mu no animuonyam ayɛ.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.


Ɛnyɛ yɛn, AWURADE, ɛnyɛ yɛn, na wo din mmom na animuonyam nka, w’adɔeɛ nti, wo nokorɛ nti.


Na Kanaanfoɔ ne asase yi sofoɔ nyinaa bɛte, na wɔabɛtwa yɛn ho ahyia, na wɔatwa yɛn din afiri asase so: Na ɛdeɛn na wobɛyɛ ama wo din kɛseɛ no?


AWURADE yɛn Nyankopɔn na mmɔborɔhunu ne fakyɛ wɔ no, na yɛate n’anim atua,


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE. Me din nti na me ne mo bɛdie, ɛnyɛ mo akwammɔne no so, ne mo nneyɛɛ a asɛeɛ no so, Israel fie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios