Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 79:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛdie ne ahiyie ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo, fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Yɛayɛ animtiabudeɛ ama yɛn mfɛfoɔ, fɛdie ne nsopa ama wɔn a atwa yɛn ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Yɛayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete yɛn ho, fɛwdi ne ahiiyi ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 79:4
23 Referencias Cruzadas  

ɛnneɛ mɛtwa Israel afiri asase a mede mama wɔn no ani, na efie a mayɛ no kronkron ama me din no, mɛto afiri m’anim atwene, na Israel bɛdane ɛbɛ ne fɛwdie aman nyinaa mu.


Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Nnommum no nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no soɔ no wɔ amaneɛ kɛseɛ ne ahohora mu, na Yerusalem afasuo no abubu, na n’apono nso, wɔde ogya ahye.


Na Horonni Sanbalat ne Tobia, akoa Amonni no, ne Arabni Gesem teeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛw, na wɔbuu yɛn animtia kaa sɛ: Asɛm bɛn na moredie yi? Ɔhene anim atua na moreteɛ yi?


Wode yɛn yɛɛ ntɔkwa maa wɔn a wɔtete yɛn ho, na yɛn atamfoɔ sereseree wɔ wɔn mu.


Wɔn a wɔtwam ɔkwan no soɔ nyinaa fom no fa, wayɛ ahohora ama wɔn a wɔtete ne ho.


enti na mahura kronkronbea hɔ mmapɔmma no ho, na mayi Yakob mama mmusuo, na mede Israel mama adapaabɔfoɔ.


na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;


Yerusalem ne Yuda nkuro ne emu ahemfo ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwirideɛ, fɛdie ne nnome sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi:


Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Sɛdeɛ m’abufuo ne m’abufuhyeɛ hwie guu Yerusalemfoɔ soɔ no, saa ara na mokɔ Misraim a, m’abufuhyeɛ bɛhwie agu mo soɔ, na moadane ntankadeɛ ne ahodwirideɛ ne nnome ne nsopa, na morenhunu ha yi bio.


Yɛn ani awuwu, na yɛate nsopa, ahohora akata yɛn anim, ɛfiri sɛ ananafoɔ aba AWURADE fie akronkronneɛ no.


Ne nkurɔfoɔ nyinaa gu ahome hwehwɛ aduane; wɔde wɔn afɛfɛdeɛ ma gye aduane de hyɛ wɔn ho den. O AWURADE, hwɛ na hunu; na wɔbu me animtiaa!


AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora!


wɔn a wɔbɛn woɔ ne wɔn a wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ deɛ ne din ho agu fi, na ne sakasakayɛ dɔɔso.


Na wɔbɛhunu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔ no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yɛnnie so no nyinaa.


Na meremma wonte amanaman ahohorabɔ bio, na worensoa aman nsopa bio, na woremma wo man nni mmasugya bio, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ wɔayɛ mo afo amene mo, afa nyinaa, ama moadanedane agyapadeɛ ama amanaman no nkaeɛ, na ɔkasafoɔ tɛkyerɛma da mo soɔ, na nkurɔfoɔ sopa mo nti,


Ao AWURADE, sɛdeɛ wo tenenee nyinaa teɛ no, dane w’abufuo ne w’anibereɛ firi wo kuro Yerusalem, wo bepɔ kronkron no so ɛ! Na yɛn bɔne ne yɛn agyanom amumuyɛ nti na Yerusalem ne wo man adane ahohoradeɛ ama wɔn a wɔtete yɛn ho nyinaa.


Meboaboa mo ano na mo asane adi afahyɛ a modi ho abooboo no bio, na moansoa ɛho ahohora.


Na sɛdeɛ modanee nnome amanaman mu no, Yuda fie ne Israel fie, saa ara na mɛgye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Monnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.


Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios