Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 74:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Mma deɛ wɔhyɛ no soɔ mmfa ahohora nnsane mmma, ma ɔmanehunufoɔ ne ohiani nyi wo din ayɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Mma deɛ wɔhyɛ no soɔ mmfa ahohora nnsane mmma, ma ɔmanehunufoɔ ne ohiani nyi wo din ayɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Mma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no mmfa animguase nsan; ma ahiafo ne mmɔborɔfo nkamfo wo din.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase; ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Mma nea wɔhyɛ no so mmfa ahohora nnsan mmma, ma ɔmanehunufo ne ohiani nyi wo din ayɛ.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 74:21
9 Referencias Cruzadas  

Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


AWURADE di asɛntenenee, na ɔbu atɛn gye wɔn a wɔhyɛ wɔn soɔ nyinaa.


Me nnompe nyinaa bɛka sɛ: AWURADE, hwan na ɔte sɛ wo a wogye ɔmanehunufoɔ deɛ ɔyɛ den sene no no nsam ne ɔmanehunufoɔ ne ohiani firi ne dwotwafoɔ no nsam.


Na ɛnyɛ daa na ne werɛ bɛfiri ohiani, na ɛnyɛ daa na mmɔborɔni anidasoɔ bɛyera.


Na wɔbuabuaa wɔn ho AWURADE ayeyie ne aseda no mu sɛ “ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa Israel so.” Na ɔman no nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ AWURADE ayeyie no mu, sɛ wɔreto AWURADE fie fapem no nti.


na wɔbɛte ahosan nne ne anigyeɛ nne, ayeforɔkunu nne ne ayeforɔ nne, wɔn a wɔka sɛ: Monkamfo asafo AWURADE, na AWURADE yɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, no nne, ne wɔn a wɔde aseda ba AWURADE fie no nne bio, na mede asase no nnommum bɛsane aba sɛ akane no, AWURADE na ɔseɛ.


AWURADE de daa daa nkwagyeɛ gye Israel; mo ani renwu, na mo anim rengu ase bio da biara da.


Na meyɛ mmɔborɔni ne ohiani, na m’akoma apira wɔ me mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios