Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 71:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Me nso mede bɛnta bɛyi wo ayɛ, me Nyankopɔn, ne wo nokorɛ, mede sankuten bɛto wo, O Israel Hotefoɔ no, dwom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Me nso mede bɛnta bɛyi wo ayɛ, me Nyankopɔn, ne wo nokorɛ, mede sankuten bɛto wo, O Israel Hotefoɔ no, dwom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Mede sanku bɛkamfo wo me Nyankopɔn, wo trenee nti mɛto wʼayeyi dwom wɔ sankuten so, Israel Kronkronni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Mede sankuo bɛkamfo wo Ao me Onyankopɔn, wo tenenee enti mɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten so Ao Israel Kronkronni.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Me nso mede bɛnta sanku meyi wo ayɛ, me Nyankopɔn ne wo nokware, mede sankuten mɛto wo, Israel hotefo no, dwom.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 71:22
26 Referencias Cruzadas  

Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na woama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.


Mɛkoto makyerɛ w’asɔrefie kronkron no, na mada wo din ase, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ ho, sɛ woama w’asɛm aso atra wo din nyinaa.


Onyankopɔn, mɛto dwom foforɔ mama wo, mede sankuo a ɛso han du bɛto dwom mama wo,


AWURADE atempɔn nyinaa yɛ adɔeɛ ne nokorɛ ma wɔn a wɔdi n’apam ne n’adansesɛm soɔ.


Momfa sankuo nna AWURADE ase, momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom!


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ, Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ, merensuro, onipa bɛtumi ayɛ me dɛn?


Na wɔsane sɔɔ Onyankopɔn hwɛe, na wɔyii Israel Kronkronni no ahi.


Mɛto AWURADE adɔeɛ ho dwom daa, mede m’ano bɛka wo nokorɛdie makyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ;


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel Kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Nsase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE, monteam nni ahurisie nto ayeyie dwom.


Monto dwom mma AWURADE sankuo so, sankuo ne dwontoɔ nne so.


Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a motete Sion, na Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no yɛ kɛseɛ.


Na me, AWURADE, mene wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni, wo gyefoɔ no. Mede Misraim ayɛ agyedeɛ ama wo, mede Etiopia ne Saba asi wo ananmu.


na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.


wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yɛnhunu! Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra ma yɛnhunu!


Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara, na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Aane, me na mpoano aman bɛtwɛn me, na Tarsis ahyɛn na ɛbɛdi kan, na wɔde wo mma firi akyirikyiri aba a wɔn dwetɛ ne wɔn sika ka wɔn ho, wɔde rebrɛ AWURADE wo Nyankopɔn din, ne Israel Kronkronni no, ɛfiri sɛ ɔno na wahyɛ wo animuonyam.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


Na mese: Kristo ayɛ twetiatwafoɔ somfoɔ de akyerɛ Nyankopɔn nokorɛ sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios