Nnwom 69:12 - New Revised Asante Twi Bible12 Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm, na nsanomfoɔ de me to dwom. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron12 Wɔn a wɔtete kuro pono mu ka me ho asɛm, na nsanomfoɔ de me to dwom. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm12 Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me, na akɔwensafo de me din to dwom. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm12 Wɔn a wɔtete ɛpono no ano no sere me, na akɔwensafoɔ de me din to dwom. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON12 Wɔn a wɔtete kurow pon mu ka me ho asɛm, na asanomfo de me to dwom. Ver Capítulo |
na woama wo ho so atia ɔsoro wura, na wɔde ne fie nnwinneɛ aba w’anim, na wo ne w’aberempɔn, wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsa, na woakamfo dwetɛ ne sika, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, dua ne aboɔ anyame a wɔnhunu na wɔnteɛ na wɔnnim hwee no, na Onyankopɔn a wo home wɔ ne nsam a w’akwan nyinaa wɔ no deɛ, woanni no ni.