Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 68:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so, na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Onyankopɔn, wotɔɔ adɔeɛ suo guu w’agyapadeɛ so, na ɛtɔ piti a, wo na woma no yɛ yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Womaa osu tɔɔ bebree, Ao, Onyankopɔn, guu wʼagyapade a abotow no so ma ɛyɛɛ frɔmfrɔm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Womaa osuo tɔɔ bebree, Ao Onyankopɔn, guu wʼagyapadeɛ a abotoɔ no so ma ɛyɛɛ frɔmm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Onyankopɔn, wotɔɔ adɔe su guu w’agyapade so, na ɛtɔ beraw a, wo na woma ɛyɛ yiye.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 68:9
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; nanso na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ;


Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri.


Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.


ɛnneɛ mɛma mo asase so osuo atɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔ, na woaboaboa w’aburoo ne wo nsa ne wo ngo ano,


AWURADE, wofiri Seir baeɛ no, wofiri Edom asase so bɛneeɛ no, asase wosoe, ɔsoro nso tuee, mununkum nso tuee nsuo.


Mmepɔ popoo AWURADE anim, Sinai, wɔ AWURADE, Israel Nyankopɔn no, anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios