Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 64:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho, na wadwane akɔtoa no, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɔteneneeni ani bɛgye AWURADE ho, na wadwane akɔtoa no, na akoma mu teefoɔ nyinaa bɛhyehyɛ wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ma atreneefo nni ahurusi wɔ Awurade mu na wɔmpɛ guankɔbea wɔ no mu; ma wɔn a wɔn koma mu tew nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɔtreneeni ani begye AWURADE ho, na waguan atoa no, na komam teefo nyinaa bɛhyehye wɔn ho.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 64:10
12 Referencias Cruzadas  

Ateneneefoɔ hunu, na wɔn ani gye; na deɛ ɔdi bem no di wɔn ho fɛw,


AWURADE na medwane kɔtoa no, adɛn na mose me kra sɛ: Dwane sɛ anomaa kɔ mo mmepɔ so.


N’asefoɔ bɛyɛ kɛseɛ asase so, wɔhyira teneneefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ.


Hwɛ me kra so na gye me, mma m’ani nnwu, na medwane bɛtoa wo.


Ateneneefoɔ, momma mo ani nnye AWURADE ho, na monni ahurisie! Akoma mu teefoɔ nyinaa, momfa anigyeɛ nhuro!


Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu, yɛn Nyankopɔn ayeyie. Nnipa bebree bɛhunu asuro, na wɔabata AWURADE ho.


Ɔtenenee ani bɛgye sɛ wahunu aweretɔ, ɔbɛhohoro ne nan ase ɔbɔnefoɔ mogya mu.


Wɔde hann agu ama ɔteneneeni, ne anigyeɛ ama akoma mu teefoɔ.


Na me deɛ, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua mu ama wiase.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios