Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 60:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛn agu; wo bo afuw yɛn, nanso gye yɛn bio!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Onyankopɔn, woapo yɛn, woabɔ yɛagu; wo bo afu yɛn, nanso gye yɛn bio!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afuw; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 60:1
36 Referencias Cruzadas  

Na Hadadeser soma maa wɔkɔfaa Siriafoɔ a wɔwɔ Eufrate agya no bae, na wɔbaa Helam. Na Hadadeser sahene Sobak dii wɔn anim.


Na Dawid kɔɔ Baal-perasim, na Dawid kunkumm wɔn hɔ, na ɔkaa sɛ: AWURADE apae m’atamfoɔ mu m’anim sɛdeɛ wɔpae nsuo mu no. Enti ɔfrɛɛ hɔ sɛ Baal-perasim.


Na ɔde asraafoɔ bansifoɔ tenaa Edom; Edom nyinaa mu na ɔde bansifoɔ tenatenaeɛ, na Edomfoɔ nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Na AWURADE boaa Dawid maa no dii nim baabiara a ɔkɔeɛ nyinaa.


Dawid kaa Sobahene Rehob ba Hadadeser nso gui, ɛberɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrema ne tumi akɔso Asubɔntene Eufrate ho no mu.


Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.


Na Dawid dii Hadadeser, Soba a ɛhwɛ Hamat no hene so berɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsi nkaeɛ dum wɔ Eufrate asubɔnten no.


Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa.


Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-Bonhwa no mu, na ɔkɔkum Seirfoɔ no mu nnipa mpemdu.


Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Nanso woato yɛn agu, na woabɔ yɛn ahohora, na wo ne yɛn dɔm ankɔ.


Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho.


Nku wɔn, na me man werɛ amfi; fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam, yɛn kyɛm ne wo, AWURADE.


Ɛnyɛ wo, Onyankopɔn, na woasum yɛn aguo yi, na wo, Onyankopɔn, ne yɛn dɔm ankɔ?


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?


Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?


Di boa yɛn, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, wo din animuonyam nti na yi yɛn, na wo din nti kata yɛn bɔne so.


Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.


Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na twa wo bo a ɛfu yɛn no to wo yam.


Da bi wokasaa anisoadehunu mu kyerɛɛ w’ahotefoɔ sɛ: Madi maboa ɔbarima bi, mama obi a wɔayi no firi ɔman no mu so.


Me ne deɛ mayi no no apam apam bi, maka ntam makyerɛ m’akoa Dawid:


Na wo ara deɛ, woato atwene na ayɛ wo nwunu, na woafa deɛ woasra no no abufuo.


Onyankopɔn a ne ho yɛ hu, akronkronfoɔ dwabɔ kɛseɛ no mu, na wɔsuro no sene wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa.


AWURADE, sane w’akyi, da bɛn ara? Na ma wo nkoa nyɛ wo mmɔbɔ.


Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.


Ɛnna Samuel kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na Saulo se: Mehunuu sɛ ɔman no refiri me ho ahwete, na wo nso woamma berɛ a wohyɛeɛ no, na Filistifoɔ aboa wɔn ano Mikmas,


Na ɔbɔfoɔ no buaa sɛ: Israel adwane Filistifoɔ anim, na wɔakum ɔman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas, nso atotɔ, na Nyankopɔn adaka no, wɔafa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios