Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 59:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan, na Onyankopɔn yɛ m’abankɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan, na Onyankopɔn yɛ m’abankɛseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Wone mʼAhoɔden, mehwɛ wo kwan; wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 M’ahoɔden, wo na mehwɛ wo kwan, na Onyankopɔn yɛ m’abankɛse.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 59:9
18 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔte soro no sere, AWURADE di wɔn ho fɛw.


AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,


AWURADE ne me hann ne me nkwagyeɛ, hwan na mensuro no? AWURADE ne me nkwa ahoɔden, hwan anim na me ho mpopoɔ?


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Aane, ma w’ani nna AWURADE so.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom, na Onyankopɔn ne m’abankɛseɛ, m’adom Nyankopɔn.


Na Onyankopɔn akasa prɛko, mprenu na mateɛ: Sɛ tumi yɛ Nyankopɔn dea,


Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ, m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.


AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no, ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.


Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ. Mɛtwere no, na mensuro, na AWURADE Nyankopɔn ne m’ahoɔden ne me dwom, na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


ONYANKOPƆN, Awurade no, ne m’ahoɔden; na ɔma me nan yɛ sɛ aforoteɛ deɛ, na ɔma menante me sorɔnsorɔmmea. Wɔmfa mma dwonkyerɛni na wɔnto no m’asankuo so.


Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, Na yi yɛn firi bɔne mu. [Na wo na ahennie ne ahoɔden ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen.]


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios