Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 59:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Me Nyankopɔn, gye me firi m’atamfoɔ nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre tia me no ho.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ao, Onyankopɔn, gye me fi mʼatamfo nsam; bɔ me ho ban fi wɔn a wɔtaa me no ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Me Nyankopɔn, gye me fi m’atamfo nsam, bɔ me ho ban, wɔn a wɔsɔre hyɛ me no ho.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 59:1
16 Referencias Cruzadas  

Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei, sɛ AWURADE seɛ ni, mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.


na w’adɔeɛ mu yi m’atamfoɔ hɔ, na sɛe wɔn a wɔha me kra nyinaa, na w’akoa ne me.


O AWURADE, yi me firi m’atamfoɔ nsam. Wo nkyɛn na mede me ho makora.


wagye me afiri m’atamfoɔ mu, aane, woama me so afiri wɔn a wɔsɔre tiaa me no mu, woagye me awerɛmfoɔ nsam.


AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,


Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.


Mo atumfoɔ, ampa ara, moka asɛntenenee anaa? O, nnipa mma, mobu atɛntenenee anaa?


Me Nyankopɔn, gye me firi ɔbɔnefoɔ nsam, gye me omumuyɛfoɔ ne otirimuɔdenfoɔ nsam.


Na sɛ ɔfam me ho yi, mɛgye no, mɛma no so, ɛfiri sɛ ɔnim me din.


ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea, wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios