Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Nnwom 57:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na w’adɔeɛ so kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na w’adɔeɛ so kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Wʼadɔe so, ɛkorɔn sen ɔsoro; wo nokwaredi du wim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na w’adɔe so kodu soro, na wo nokware kodu wim tɔnn.

Ver Capítulo Copiar




Nnwom 57:10
11 Referencias Cruzadas  

Na sɛ ɔsoro ware sene asase no, sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.


Na w’adɔeɛ so tra ɔsoro, na wo nokorɛ duru ewiem tɔnn.


sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ soɔ, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.


Ao, AWURADE, w’adɔeɛ kɔduru soro, na wo nokorɛ kɔduru wiem tɔnn.


M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom, na Onyankopɔn ne m’abankɛseɛ, m’adom Nyankopɔn.


Na, Onyankopɔn, wo tenenee kɔ sorosoro, wo a woayɛ ade akɛseɛ, Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios